1
Gyenesis 45:5
KYERƐW KRONKRON
Na afei mommma ɛnnyɛ mo yaw, nso mo bo mmfuw mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, efisɛ nkwagye nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.
Compare
Explore Gyenesis 45:5
2
Gyenesis 45:8
Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n'agya ne ne fi nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifo.
Explore Gyenesis 45:8
3
Gyenesis 45:7
Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma munnya nkae wɔ asase so, na minnye mo nkwa a ɛbɛma dodow no ara afi mu afi.
Explore Gyenesis 45:7
4
Gyenesis 45:4
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Muntwiw mmɛn me. Na wotwiw bɛn no. Na ose: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no.
Explore Gyenesis 45:4
5
Gyenesis 45:6
Na mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so, na aka mfe anum bio a ɔfɛtɛw ne otwa nni mu.
Explore Gyenesis 45:6
6
Gyenesis 45:3
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m'agya da so te ase anaa? Na ne nuanom no antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwiriw wɔn wɔ n'anim.
Explore Gyenesis 45:3
Home
Bible
Plans
Videos