Na ɛbae sɛ nsɛm yi akyi no, ne wura yere tuu n'ani sii Yosef so, na ɔkae sɛ: Wo ne me mmɛda. Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti, ɔnhwɛ nea ɛwɔ ne fi, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nyɛ kɛse nsen me ofie ha, na ɔnkame me biribiara gye wo, sɛ ne yere ne wo ntia. Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?