1
Gyenesis 35:11-12
KYERƐW KRONKRON
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn: dɔ na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo befi wo mu aba, na ahene fi w'asen mu bɛba. Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede mɛma wo; na w'asefo a wobedi w'akyi no na mede asase no mɛma wɔn.
Compare
Explore Gyenesis 35:11-12
2
Gyenesis 35:3
Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na minkosi afɔremuka wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m'ahohia da otiee me, na odii m'akyi wɔ ɔkwan a mekɔe no mu no.
Explore Gyenesis 35:3
3
Gyenesis 35:10
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo ne din Israel.
Explore Gyenesis 35:10
4
Gyenesis 35:2
Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montotow anyame ananafo a ɛwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho, na monsakra mo ntade.
Explore Gyenesis 35:2
5
Gyenesis 35:1
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ, Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma Onyankopɔn a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woreguan afi wo nua Esau anim no.
Explore Gyenesis 35:1
6
Gyenesis 35:18
Na ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo no din Benoni, ase ne: M'amanehunu ba, na n'agya de, ɔfrɛɛ no Benyamin ase ne: Ahotɔ ba.
Explore Gyenesis 35:18
Home
Bible
Plans
Videos