1
Gyenesis 32:28
KYERƐW KRONKRON
Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.
Compare
Explore Gyenesis 32:28
2
Gyenesis 32:26
Na ɔbarima no kae sɛ: Ma menkɔ, na ade rekye. Na Yakob se: Meremma wonkɔ gye sɛ wuhyira me.
Explore Gyenesis 32:26
3
Gyenesis 32:24
Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee koduu adekyee.
Explore Gyenesis 32:24
4
Gyenesis 32:30
Na Yakob too hɔ din Peniel, ase ne: efisɛ ose: Me ne Nyankopɔn adi nhuanim nso me kra anya nkwa.
Explore Gyenesis 32:30
5
Gyenesis 32:25
Na ɔbarima no hui sɛ ontumi no no, ɔkaa n'asen so tokuru mu, na Yakob dwonku huanee tentam a ɔne no tentamee no mu.
Explore Gyenesis 32:25
6
Gyenesis 32:27
Na obisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Yakob.
Explore Gyenesis 32:27
7
Gyenesis 32:29
Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ose ɛdɛn nti na wubisa me din? Na ohyiraa no wɔ hɔ.
Explore Gyenesis 32:29
8
Gyenesis 32:10
w'adɔe ne wo nokware a wode akyerɛ w'akoa yi mu biara nsɛ me, efisɛ mede me poma na mitwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuw abien.
Explore Gyenesis 32:10
9
Gyenesis 32:32
Enti Israelfo nni ntini a ɛwɔ asen mu akwaa tokuru mu no de besi nnɛ, efisɛ ɔkaa Yakob dwonku tokuru mu, n'asen mu ntini no so.
Explore Gyenesis 32:32
10
Gyenesis 32:9
Na Yakob kae sɛ: M'agya Abraham Nyankopɔn ne m'agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wusee me sɛ: San kɔ w'asase so ne w'abusua mu na mɛyɛ wo yiye no
Explore Gyenesis 32:9
11
Gyenesis 32:11
Mesrɛ wo, yi me fi me nua, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.
Explore Gyenesis 32:11
Home
Bible
Plans
Videos