1
1 Mose 49:10
Asante Twi Nkwa Asɛm
Ahempoma remfiri Yuda nsam, na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.
Compare
Explore 1 Mose 49:10
2
1 Mose 49:22-23
“Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba, a ɛsi asutene ho, na ne mman tra afasuo. Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ, de abufuo to hyɛɛ ne so.
Explore 1 Mose 49:22-23
3
1 Mose 49:24-25
Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no; esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no; Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo; nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ; nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.
Explore 1 Mose 49:24-25
4
1 Mose 49:8-9
“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Wʼagya mmammarima bɛkoto wo. Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie. Wote sɛ gyata a wabutu. Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?
Explore 1 Mose 49:8-9
5
1 Mose 49:3-4
“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɛboro animuonyam ne tumi so. Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ, de guu mʼanim ase.
Explore 1 Mose 49:3-4
Home
Bible
Plans
Videos