Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Bra, na wo ne me mmɛda!”
Nanso, Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ, “Esiane sɛ efie ha biribiara hyɛ me nsa enti, me wura nnwene efie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nni tumi nsene me wɔ efie ha. Me wura mmfa biribiara nkame me wɔ efie ha sɛ wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumuyɛdeɛ a ɛte seyie! Ɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ atia Onyankopɔn.”