1
1 Mose 26:3
Asante Twi Nkwa Asɛm
Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua.
Compare
Explore 1 Mose 26:3
2
1 Mose 26:4-5
Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa. Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.”
Explore 1 Mose 26:4-5
3
1 Mose 26:22
Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ AWURADE abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.”
Explore 1 Mose 26:22
4
1 Mose 26:2
Ɛhɔ na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so.
Explore 1 Mose 26:2
5
1 Mose 26:25
Isak sii afɔrebukyia, somm AWURADE wɔ hɔ. Ɔsii ntomadan, tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.
Explore 1 Mose 26:25
Home
Bible
Plans
Videos