Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu.