1
Asomafoɔ 17:27
Asante Twi Nkwa Asɛm
Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no
Compare
Explore Asomafoɔ 17:27
2
Asomafoɔ 17:26
Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ.
Explore Asomafoɔ 17:26
3
Asomafoɔ 17:24
“Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.
Explore Asomafoɔ 17:24
4
Asomafoɔ 17:31
Ɛfiri sɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.”
Explore Asomafoɔ 17:31
5
Asomafoɔ 17:29
“Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ.
Explore Asomafoɔ 17:29
Home
Bible
Plans
Videos