1
Romafoɔ 10:9
New Revised Asante Twi Bible
Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode w’akoma gye di sɛ Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.
Compare
Explore Romafoɔ 10:9
2
Romafoɔ 10:10
Na akoma na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagyeɛ mu.
Explore Romafoɔ 10:10
3
Romafoɔ 10:17
Ɛnneɛ afei na gyidie firi asɛm no tie mu, na otie nam Kristo ho asɛm so ba.
Explore Romafoɔ 10:17
4
Romafoɔ 10:11-13
Na atwerɛ no se: Obiara a ɔgye no die no ani renwu. Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.
Explore Romafoɔ 10:11-13
5
Romafoɔ 10:15
Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuro? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Sɛdeɛ nnepa ho asɛmpakafoɔ no anan si yɛ fɛ fa!
Explore Romafoɔ 10:15
6
Romafoɔ 10:14
Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ deɛ wɔnnye no nnie? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛgye deɛ wɔntee ne ho asɛm no adie? Nanso sɛ ɔsɛnkafoɔ nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛteɛ?
Explore Romafoɔ 10:14
7
Romafoɔ 10:4
Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu.
Explore Romafoɔ 10:4
Home
Bible
Plans
Videos