1
Nnwom 103:2
New Revised Asante Twi Bible
Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.
Compare
Explore Nnwom 103:2
2
Nnwom 103:3-5
Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. Ɔgye wo nkwa firi Amena mu, ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire. Ɔde adepa hyɛ w’afono ma na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.
Explore Nnwom 103:3-5
3
Nnwom 103:1
Me kra, hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron.
Explore Nnwom 103:1
4
Nnwom 103:13
Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no.
Explore Nnwom 103:13
5
Nnwom 103:12
Sɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.
Explore Nnwom 103:12
6
Nnwom 103:8
Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso.
Explore Nnwom 103:8
7
Nnwom 103:10-11
Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sene asase no, sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no.
Explore Nnwom 103:10-11
8
Nnwom 103:19
AWURADE de n’adwa asi soro, na n’ahennie di ade nyinaa so.
Explore Nnwom 103:19
Home
Bible
Plans
Videos