1
Gyenesis 47:9
New Revised Asante Twi Bible
Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirinhyia mu nna yɛ mfeɛ ɔha aduasa; me nkwa mfirinhyia mu nna yɛ kakraa bi ne amaneɛ nko, ɛnnuru me nananom nkwa mfirinhyia mu nna wɔ wɔn hɔhobea asetena nna mu.
Compare
Explore Gyenesis 47:9
2
Gyenesis 47:5-6
Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. Misraim asase na ɛda w’anim yi, asase no mu deɛ ɛyɛ no, ma w’agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so. Na sɛ wonim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfoɔ a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so.
Explore Gyenesis 47:5-6
Home
Bible
Plans
Videos