1
Gyenesis 45:5
New Revised Asante Twi Bible
Na afei mommma no nnyɛ mo ya, nso mo bo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim.
Compare
Explore Gyenesis 45:5
2
Gyenesis 45:8
Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n’agya ne ne fie nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifoɔ.
Explore Gyenesis 45:8
3
Gyenesis 45:7
Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma monnya nkaeɛ wɔ asase so, na mennye mo nkwa a ɛbɛma dodoɔ no ara afiri mu afire.
Explore Gyenesis 45:7
4
Gyenesis 45:4
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Montwe mpini me. Na wɔtwe pinii no. Na ɔse: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no.
Explore Gyenesis 45:4
5
Gyenesis 45:6
Na mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm aba asase yi soɔ, na aka mfeɛ nnum bio a funtum ne otwa nni mu.
Explore Gyenesis 45:6
6
Gyenesis 45:3
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m’agya da so te ase anaa? Na ne nuanom antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwirii wɔn wɔ n’anim.
Explore Gyenesis 45:3
Home
Bible
Plans
Videos