1
Gyenesis 37:5
New Revised Asante Twi Bible
Na Yosef soo daeɛ, na berɛ a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no, wɔtanee no senee akane no.
Compare
Explore Gyenesis 37:5
2
Gyenesis 37:3
Na ɛsiane sɛ Yosef yɛ ne nkɔkoraaberɛ mu ba nti, na Israel dɔ no sene ne mma nyinaa; enti ɔpam batakari fɛfɛ bi maa no.
Explore Gyenesis 37:3
3
Gyenesis 37:4
Na ne nuanom hunuu sɛ wɔn agya dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔtanee no, na wɔmfa abodwoɔ ne no nkasa.
Explore Gyenesis 37:4
4
Gyenesis 37:9
Na ɔsoo daeɛ foforɔ bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bio, na hwɛ, owia ne ɔsrane ne nsoromma dubaako akoto me.
Explore Gyenesis 37:9
5
Gyenesis 37:11
Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.
Explore Gyenesis 37:11
6
Gyenesis 37:6-7
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie daeɛ a maso yi: Na hwɛ, na yɛrekyekyere ayuo afiafi wɔ afuom. Na m’afi no sɔre gyinaa kyirebenn, na hwɛ, mo afiafi no twaa m’afi ho hyiae, na ɛrekoto m’afi no.
Explore Gyenesis 37:6-7
7
Gyenesis 37:20
Afei mommra mma yɛnku no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ deɛ ne daeɛ no bɛyɛ.
Explore Gyenesis 37:20
8
Gyenesis 37:28
Na Midianfoɔ adwadifoɔ bi rebɛsene. Na wɔtwetwee Yosef yii no firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim.
Explore Gyenesis 37:28
9
Gyenesis 37:19
Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no.
Explore Gyenesis 37:19
10
Gyenesis 37:18
Na ne nuanom hunuu no akyirikyiri na ɔnnya nnuruu wɔn nkyɛn no, wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛku no.
Explore Gyenesis 37:18
11
Gyenesis 37:22
Na ɔkaa sɛ: Monnhwie mogya nngu, na momfa no nto ɛserɛ so ha abura yi mu; na mommfa mo nsa nnka no. Ɔreyɛ na anka wayi no afiri wɔn nsam de no asane akɔma n’agya.
Explore Gyenesis 37:22
Home
Bible
Plans
Videos