Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba. Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede bɛma woɔ; na w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no na mede asase no bɛma wɔn.