1
Gyenesis 32:28
New Revised Asante Twi Bible
Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.
Compare
Explore Gyenesis 32:28
2
Gyenesis 32:26
Na ɔbarima no kaa sɛ: Ma menkɔ, na adeɛ rekye. Na Yakob buaa sɛ: Meremma wonkɔ gye sɛ wohyira me.
Explore Gyenesis 32:26
3
Gyenesis 32:24
Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee kɔduruu adekyeeɛ.
Explore Gyenesis 32:24
4
Gyenesis 32:30
Na Yakob too ɛhɔ din Peni-el, ɛfiri sɛ ɔse: Me ne Onyankopɔn adi nhunuanimu, nso me kra anya nkwa.
Explore Gyenesis 32:30
5
Gyenesis 32:25
Na ɔbarima no hunuu sɛ ɔntumi no no, ɔkaa n’asene tokuro mu, na Yakob dwonku hwanee tentam a ɔne no tentameeɛ no mu.
Explore Gyenesis 32:25
6
Gyenesis 32:27
Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Yakob.
Explore Gyenesis 32:27
7
Gyenesis 32:29
Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ɔse: Adɛn nti na worebisa me din? Na ɔbarima no hyiraa no wɔ hɔ.
Explore Gyenesis 32:29
8
Gyenesis 32:10
w’adɔeɛ ne wo nokorɛ a wode akyerɛ w’akoa yi mu biara nsɛ me, ɛfiri sɛ mede me poma na metwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuo mmienu.
Explore Gyenesis 32:10
9
Gyenesis 32:32
Enti Israelfoɔ nni ntini a ɛwɔ asene mu akwaa tokuro mu no de bɛduru nnɛ, ɛfiri sɛ ɔkaa Yakob dwonkuo tokuro mu, n’asene mu ntini no so.
Explore Gyenesis 32:32
10
Gyenesis 32:9
Na Yakob kaa sɛ: M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wosee me sɛ: Sane kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yie no
Explore Gyenesis 32:9
11
Gyenesis 32:11
Mesrɛ wo, yi me firi me nua Esau nsam, ɛfiri sɛ mesuro no sɛ ɔbɛba abɛku me, ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.
Explore Gyenesis 32:11
Home
Bible
Plans
Videos