1
Efesofoɔ 2:10
New Revised Asante Twi Bible
Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.
Compare
Explore Efesofoɔ 2:10
2
Efesofoɔ 2:8-9
Na adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ, ɛmfiri nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho.
Explore Efesofoɔ 2:8-9
3
Efesofoɔ 2:4-5
Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)
Explore Efesofoɔ 2:4-5
4
Efesofoɔ 2:6
Na wanyane yɛn ne no, na ɔde yɛn ne no atena soro hɔnom, Kristo Yesu mu
Explore Efesofoɔ 2:6
5
Efesofoɔ 2:19-20
Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio, na mmom moyɛ ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fiefoɔ. Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.
Explore Efesofoɔ 2:19-20
Home
Bible
Plans
Videos