Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi;
na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa,
na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ,
na wasɛe ahoɔdenfoɔ
ne akronkronfoɔ man no.
Na n’aniteɛ nti
ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam,
na ɔbɛdi n’akoma mu akokurokosɛm
na ɔbɛfiri nkurɔfoɔ bebree awora asɛe wɔn;
na ɔbɛsɔre atia ahene mu hene no,
nanso ɔbɛbubu a ɛnyɛ onipa nsa na ɛbɛbubu no.