1
2 Timoteo 2:15
New Revised Asante Twi Bible
Bɔ mmɔden gyina Nyankopɔn anim sɛdeɛ ɔfata, sɛ odwumayɛni a ɛnni sɛ ɔfɛreɛ, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.
Compare
Explore 2 Timoteo 2:15
2
2 Timoteo 2:22
Dwane firi mmabunuberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ mu frɛ Awurade bɔ mu no akyi.
Explore 2 Timoteo 2:22
3
2 Timoteo 2:24
Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfoɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa, ɔhunu nkyerɛkyerɛ, ɔto ne bo ase bɔne ho
Explore 2 Timoteo 2:24
4
2 Timoteo 2:13
Sɛ yɛnyɛ anokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ara, ɛfiri sɛ ɔntumi mpa ne ho akyi.
Explore 2 Timoteo 2:13
5
2 Timoteo 2:25
na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu
Explore 2 Timoteo 2:25
6
2 Timoteo 2:16
Na nsɛnhuhuo a ɛho nteɛ no deɛ, yi wo ho firi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu
Explore 2 Timoteo 2:16
Home
Bible
Plans
Videos