Enti Elul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so abien no, wowiee ɔfasu no asiesie, nnafua aduonum abien a wofii dwumadi no ase no mu. Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.