1
Marko 7:21-23
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi, ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”
Compare
Explore Marko 7:21-23
2
Marko 7:15
Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi.
Explore Marko 7:15
3
Marko 7:6
Yesu buaa wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ, “ ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na edi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me ho baabiara.
Explore Marko 7:6
4
Marko 7:7
Wɔsom me kwa; na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’ yɛ nokware turodoo!
Explore Marko 7:7
5
Marko 7:8
Mugyaw Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanne si anan mu.
Explore Marko 7:8
Home
Bible
Plans
Videos