1
Mateo 14:30-31
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase sɛ ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!” Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, “Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?”
Compare
Explore Mateo 14:30-31
2
Mateo 14:30
Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase sɛ ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!”
Explore Mateo 14:30
3
Mateo 14:27
Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
Explore Mateo 14:27
4
Mateo 14:28-29
Petro ka kyerɛɛ no se, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa asu no ani mmra wo nkyɛn.” Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Bra!” Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
Explore Mateo 14:28-29
5
Mateo 14:33
Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
Explore Mateo 14:33
6
Mateo 14:16-17
Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!” Asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ brodo anum ne mpataa abien pɛ.”
Explore Mateo 14:16-17
7
Mateo 14:18-19
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mmrɛ me.” Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.
Explore Mateo 14:18-19
8
Mateo 14:20
Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
Explore Mateo 14:20
Home
Bible
Plans
Videos