1
Mateo 12:36-37
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Mereka makyerɛ mo se, atemmuda no, asɛnhunu biara a obi aka no, obebu ho akontaa. Wʼanom asɛm so na wɔnam bebu wo bem anaa fɔ.”
Compare
Explore Mateo 12:36-37
2
Mateo 12:34
Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefo sɛ mo atumi aka nea eye ho asɛm? Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.
Explore Mateo 12:34
3
Mateo 12:35
Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi.
Explore Mateo 12:35
4
Mateo 12:31
Mereka akyerɛ mo se, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a etia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ.
Explore Mateo 12:31
5
Mateo 12:33
“Dua biara aba na wɔde hu ne su. Dua pa sow aba pa na dua bɔne nso sow aba bɔne.
Explore Mateo 12:33
Home
Bible
Plans
Videos