1
Mateo 10:16
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.
Compare
Explore Mateo 10:16
2
Mateo 10:39
Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.
Explore Mateo 10:39
3
Mateo 10:28
Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.
Explore Mateo 10:28
4
Mateo 10:38
Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de.
Explore Mateo 10:38
5
Mateo 10:32-33
“Obiara a ɔbɛka se onim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. Na obiara a ɔbɛka se onnim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
Explore Mateo 10:32-33
6
Mateo 10:8
Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.
Explore Mateo 10:8
7
Mateo 10:31
Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.
Explore Mateo 10:31
8
Mateo 10:34
“Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae.
Explore Mateo 10:34
Home
Bible
Plans
Videos