1
Hesekiel 37:4-5
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn se, ‘Nnompe a mo ho akokwaw, muntie AWURADE asɛm! Sɛɛ na Otumfo AWURADE ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ɔhome aba mo mu na mubenya nkwa.
Compare
Explore Hesekiel 37:4-5
2
Hesekiel 37:6
Mɛma ntin abesuso mo mu, na mede nam agu mo so na mede were akata mo ho. Mede ɔhome begu mo mu na moaba nkwa mu. Afei mubehu sɛ mene AWURADE.’ ”
Explore Hesekiel 37:6
3
Hesekiel 37:3
Obisaa me se, “Onipa ba, saa nnompe yi betumi anya nkwa ana?” Mekae se, “Otumfo AWURADE, wo nko ara na wunim.”
Explore Hesekiel 37:3
4
Hesekiel 37:1-2
Na AWURADE nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom faa me fii adi de me besii obon no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma. Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mihuu nnompe bebree wɔ obon no ase, nnompe a ɛho akokwaw.
Explore Hesekiel 37:1-2
5
Hesekiel 37:7-8
Ɛno nti mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no. Na migu so rehyɛ nkɔm no, nne bi bae, ɔwosow bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho. Na mehwɛ huu sɛ ntin baa so, na nam baa ho na were bɛkataa so, nanso na ɔhome biara nni mu.
Explore Hesekiel 37:7-8
Home
Bible
Plans
Videos