1
Hesekiel 34:16
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Mɛhwehwɛ nea wayera na mede nea wabɔ ko asan aba. Mɛkyekyere nea wapira no akuru, na mahyɛ nea ɔyɛ mmerɛw no den, nanso nea wadɔ ne nea ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede trenee bɛhwɛ nguankuw no.
Compare
Explore Hesekiel 34:16
2
Hesekiel 34:12
Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan a wɔahwete bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nguan so. Meyi wɔn afi mmeae a wɔhwete kɔɔ wɔ omununkum ne sum kabii da no.
Explore Hesekiel 34:12
3
Hesekiel 34:11
“ ‘Na sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Me ara mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn so.
Explore Hesekiel 34:11
4
Hesekiel 34:15
Me ara mɛhwɛ me nguan na mama wɔadeda hɔ. AWURADE asɛm ni.
Explore Hesekiel 34:15
5
Hesekiel 34:31
Mo, me nguan, mʼadidibea nguan yɛ me nkurɔfo, na mene mo Nyankopɔn, Otumfo AWURADE asɛm ni.’ ”
Explore Hesekiel 34:31
6
Hesekiel 34:2
“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Nnome nka Israel nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ nguankuw no ana?
Explore Hesekiel 34:2
Home
Bible
Plans
Videos