1
2 Mose 8:18-19
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AKNA
Nkonyaayifo no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn anyankamade yɛ saa ara, nanso wɔantumi. Nkonyaayifo no kyerɛɛ Farao se, “Eyi de Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso Farao pirim ne koma enti wantie wɔn sɛnea AWURADE aka ato hɔ no.
Compare
Explore 2 Mose 8:18-19
2
2 Mose 8:1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no se, ‘AWURADE se, Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me.
Explore 2 Mose 8:1
3
2 Mose 8:15
Nanso Farao huu sɛ mpɔtorɔ no kɔ no, ɔsan pirim ne koma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛnea AWURADE aka ato hɔ no.
Explore 2 Mose 8:15
4
2 Mose 8:2
Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma.
Explore 2 Mose 8:2
5
2 Mose 8:16
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’ ”
Explore 2 Mose 8:16
6
2 Mose 8:24
AWURADE yɛɛ nea ɔkae no, enti nwansena bebu faa ɔman no so maa bi kɔhyɛɛ Farao ahemfi ne Misraim afi nyinaa mu amaama.
Explore 2 Mose 8:24
Home
Bible
Plans
Videos