1
2 Mose 23:25-26
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AKNA
Mo AWURADE, mo Nyankopɔn nko ara na monsom no. Na mehyira mo ama moanya aduan ne nsu na meyi nyarewa nyinaa afi mo so. Ɔpɔn anaa abonin remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo.
Compare
Explore 2 Mose 23:25-26
2
2 Mose 23:20
“Meresoma ɔbɔfo na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo.
Explore 2 Mose 23:20
3
2 Mose 23:22
Na sɛ motɔ mo bo ase, na mutie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfo atia mo atamfo.
Explore 2 Mose 23:22
4
2 Mose 23:2-3
“Mommfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ moredi adanse a, monnhwɛ nnipa bi dodow so nni mmoa wɔn, na munni adanse mmoa ohiani wɔ asennibea.
Explore 2 Mose 23:2-3
5
2 Mose 23:1
“Monkeka nkontomposɛm. Mo ne ɔbɔnefo nni nsawɔso, na moanni adansekurum.
Explore 2 Mose 23:1
Home
Bible
Plans
Videos