Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so sɛ wobekum no.