1
Ɔsɛnkafo 7:9
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AKNA
Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm, na abufuw da nkwaseafo srɛ so.
Compare
Explore Ɔsɛnkafo 7:9
2
Ɔsɛnkafo 7:14
Mmere pa mu, ma wʼani nnye; nanso mmere bɔne mu, hu sɛ Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa. Ɛno nti onipa rentumi nhu nea ɛbɛto no daakye.
Explore Ɔsɛnkafo 7:14
3
Ɔsɛnkafo 7:8
Asɛm awiei ye sen ne mfiase, na ntoboase ye sen ahantan.
Explore Ɔsɛnkafo 7:8
4
Ɔsɛnkafo 7:20
Onipa treneeni biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
Explore Ɔsɛnkafo 7:20
5
Ɔsɛnkafo 7:12
Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no, saa ara na sika nso te; nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ: nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
Explore Ɔsɛnkafo 7:12
6
Ɔsɛnkafo 7:1
Din pa yɛ sen aduhuam papa, na owuda yɛ sen awoda.
Explore Ɔsɛnkafo 7:1
7
Ɔsɛnkafo 7:5
Eye sɛ wobetie onyansafo animka sen sɛ wobetie nkwaseafo dwom.
Explore Ɔsɛnkafo 7:5
8
Ɔsɛnkafo 7:2
Eye sɛ obi bɛkɔ ayi ase sen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase, efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabea na ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.
Explore Ɔsɛnkafo 7:2
9
Ɔsɛnkafo 7:4
Onyansafo koma wɔ ayi ase, nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi.
Explore Ɔsɛnkafo 7:4
Home
Bible
Plans
Videos