Yɛ aso, me Nyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da so a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn trenee nti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no nti. AWURADE, tie! AWURADE, fa kyɛ! AWURADE, tie na yɛ! Wo nti, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wʼanan ase, efisɛ wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfo so.”