Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ oguan wɔ nʼafurumpɔnkɔ so, nanso oguan kɔfaa ɔdɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafurumpɔnkɔ no de, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ogyaw no hɔ a, ɔsensɛn ɔdɔtɔ no mu a ɔretow donko wɔ wim.
Dawid mmarima no baako huu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab se, “Mihuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ ɔdɔtɔ mu.”