Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanyimfo se, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ okum me. Na dɛn na esiw Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Munnyaa no, momma ɔnnome, efisɛ AWURADE na waka akyerɛ no se ɔnyɛ saa. Ebia AWURADE behu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no nnɛ yi no so ka.”