1
1 Yohane 5:14
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn.
Compare
Explore 1 Yohane 5:14
2
1 Yohane 5:15
Bere biara a yebisa no no, otie yɛn. Yɛahu sɛ eyi yɛ nokware yi, yenim nso sɛ ɔma yɛn nea yebisa no biara.
Explore 1 Yohane 5:15
3
1 Yohane 5:3-4
Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yedi nʼahyɛde so. Na nʼahyɛde no nso sodi nyɛ den mma yɛn, efisɛ Onyankopɔn ba biara tumi di wiase so. Yɛnam yɛn gyidi so di wiase so nkonim.
Explore 1 Yohane 5:3-4
4
1 Yohane 5:12
Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no.
Explore 1 Yohane 5:12
5
1 Yohane 5:13
Merekyerɛw mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei.
Explore 1 Yohane 5:13
6
1 Yohane 5:18
Yenim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne.
Explore 1 Yohane 5:18
Home
Bible
Plans
Videos