1
Marko 4:39-40
Twerɛ Kronkron
Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa. Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufoɔ sɛɛ? Adɛn na monni gyidie?
Compare
Explore Marko 4:39-40
2
Marko 4:41
Na wɔsuroo yie, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?
Explore Marko 4:41
3
Marko 4:38
Na ɔno deɛ ɔwɔ kodoɔ no to, ada sumiiɛ so. Ɛnna wɔnyanee no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?
Explore Marko 4:38
4
Marko 4:24
Na ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ yie deɛ moteɛ no ho. Susukoraa ko a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.
Explore Marko 4:24
5
Marko 4:26-27
Na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ Nyankopɔn ahennie no teɛ nie: Ɛte sɛ onipa bi bɛgu aba wɔ fam, na ɔda, na ɔnyane anadwo ne awia, na aba no fifire, na ɛnyini, na ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ.
Explore Marko 4:26-27
6
Marko 4:23
Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ma no ntie!
Explore Marko 4:23
Home
Bible
Plans
Videos