1
Eksodɔs 6:6
Twerɛ Kronkron
Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.
Compare
Explore Eksodɔs 6:6
2
Eksodɔs 6:7
Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ Onyankopɔn ama mo, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii Misraim nkoasom mu.
Explore Eksodɔs 6:7
3
Eksodɔs 6:8-9
Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE. Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no.
Explore Eksodɔs 6:8-9
4
Eksodɔs 6:1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo.
Explore Eksodɔs 6:1
Home
Bible
Plans
Videos