1
Yohane 6:35
Asante Twi Nkwa Asɛm
Yesu kaa sɛ, “Mene burodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no, ɛkɔm anaa osukɔm renne no da.
Параўнаць
Даследуйце Yohane 6:35
2
Yohane 6:63
Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu
Даследуйце Yohane 6:63
3
Yohane 6:27
Monnsɛe mo berɛ nyinaa mmpere nhwehwɛ aduane a ɛtumi sɛe no akyiri kwan, na mmom, mompere nhwehwɛ aduane a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ a Onipa Ba no de bɛma mo no akyiri kwan. Ɛfiri sɛ, yei enti na mʼAgya somaa me.”
Даследуйце Yohane 6:27
4
Yohane 6:40
MʼAgya apɛdeɛ ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ɔgye me di no bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ, na da a ɛdi akyire no, manyane no ama no nkwa foforɔ.”
Даследуйце Yohane 6:40
5
Yohane 6:29
Yesu buaa wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, monnye deɛ wasoma no no nni.”
Даследуйце Yohane 6:29
6
Yohane 6:37
Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
Даследуйце Yohane 6:37
7
Yohane 6:68
Simon Petro buaa no sɛ, “Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a ɛnni awieeɛ.
Даследуйце Yohane 6:68
8
Yohane 6:51
Mene burodo a ɛfiri ɔsoro no; sɛ obi di saa burodo yi a, ɔbɛtena ase daa. Burodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ewiase bɛnya nkwa.”
Даследуйце Yohane 6:51
9
Yohane 6:44
Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.
Даследуйце Yohane 6:44
10
Yohane 6:33
Saa aduane a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ɔfiri ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ ewiase no.”
Даследуйце Yohane 6:33
11
Yohane 6:48
Mene burodo a ɛma nkwa no.
Даследуйце Yohane 6:48
12
Yohane 6:11-12
Yesu faa burodo no bɔɔ mpaeɛ na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa ɛkwan korɔ no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn. Wɔdidi meeɛ akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Mommoaboa aduane a aka no ano na ebi ansɛe.”
Даследуйце Yohane 6:11-12
13
Yohane 6:19-20
Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ, Yesu kaa sɛ, “Ɛyɛ me, Monnsuro!”
Даследуйце Yohane 6:19-20
Стужка
Біблія
Пляны чытаньня
Відэа