1
Yohane 11:25-26
Asante Twi Nkwa Asɛm
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?”
Параўнаць
Даследуйце Yohane 11:25-26
2
Yohane 11:40
Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?”
Даследуйце Yohane 11:40
3
Yohane 11:35
Yesu suiɛ.
Даследуйце Yohane 11:35
4
Yohane 11:4
Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
Даследуйце Yohane 11:4
5
Yohane 11:43-44
Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!” Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ.”
Даследуйце Yohane 11:43-44
6
Yohane 11:38
Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so.
Даследуйце Yohane 11:38
7
Yohane 11:11
Yesu sane kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.”
Даследуйце Yohane 11:11
Стужка
Біблія
Пляны чытаньня
Відэа