Gyenesis 48:15-16
Gyenesis 48:15-16 ASWDC
Na ɔhyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a me nananom Abraham ne Isak nantee n’anim no, Onyankopɔn a wayɛne me me nkwa nna nyinaa de abɛsi nnɛ. Ɔbɔfoɔ a ɔyii me bɔne nyinaa mu no, nhyira mmɔfra yi, na wɔmfa me din ne me nananom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase so.