1
Marko 9:23
Apam Foforɔ
Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.”
አወዳድር
{{ጥቅስ}} ያስሱ
2
Marko 9:24
Ntɛmaa abɔfra he papa teaam sɛ, “Mewɔ gyidie, na baabi a mehia gyidie he boa me!”
3
Marko 9:28-29
Ɔkɔɔ fie he, n’asuafoɔ he bisaa no kokoam sɛ, “Mmɛ nti ne yɛantumi antutu honhom fi he?” Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ ɔnyɛ mpaebɔ ne [akɔnkyena] a, bibiaa nni hɔ a obetumi atutu no.”
4
Marko 9:50
Nkyene yɛ; nso sɛ nkyene dɛ firi mu a, wobɛyɛ dɛ ahyɛ no nkyene? Honnya nkyene ho mu, na ho ne ho ho ntena asomdwie mu.”
5
Marko 9:37
“Nea ɔgye nkumaa yi mu baako me dini mu he gye me, na nea ɔgye me he, ɔnnyɛ me ne ɔgye me na mmom ɔgye nea ɔsomaa me he nso.”
6
Marko 9:41
Na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔbɛma ho nsuo kuruwa baako mpo anom, sɛ hokura Kristo dini nti he, n’akatua ɔmmɔ no da.”
7
Marko 9:42
“Sɛ ho mu bi to nkumaa yi a bɛgye me di yi mu baako sintidua a, afanyinam sɛ bɛde boɔ keseɛ paa ato no kɔno mu, na bɛato mo atwene po mu.
8
Marko 9:47
Na sɛ w’ani to wo sintidua a, tu firi hɔ; ɔyɛ ma wo sɛ, wode ani baako bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na bɛbɛto wo atwene Gehenna gya mu
Home
Bible
Plans
Videos