1
Marko 2:17
Apam Foforɔ
Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛ a bɛnyare he, benhia yaresafoɔ, gye sɛ bɛ a bɛyare. Mamma sɛ meebɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔnyɛfoɔ.”
አወዳድር
{{ጥቅስ}} ያስሱ
2
Marko 2:5
Na Yesu huu bɛ gyidie he, ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Ɔba, bɛde wo bɔne akyɛ wo.”
3
Marko 2:27
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nnipa nti ne bɛyɔɔ homeda he, na ɔnyɛ homeda nti ne bɛyɔɔ nnipa
4
Marko 2:4
Na berɛ a nnipa he nti bɛantumi amfa no amma Yesu nkyɛne he, bɛpaa dane he so, tuu tokuro dane he atifi, na begyeegyaa kɛtɛ he a bubuani he da so he mu besii fam.
5
Marko 2:10-11
Na sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti ɔka kyerɛɛ bubuani he sɛ, “Meeka akyerɛ wo, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”
6
Marko 2:9
Yei mu deɛhe ne ɔmmerɛ, sɛ bɛbɛka akyerɛ bubuani yi sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo, anaa, Sɔre na fa wo kɛtɛ nante’?
7
Marko 2:12
Na ɔsɔreeɛ, na ɔfaa ne kɛtɛ ntɛm pa so, na ofirii bɛ nyinaa bɛ anim hɔ kɔeɛ ma bɛ nyinaa bɛ ho dwirii bɛ na bɛhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam kaa sɛ, “Yenhuu bibiaa sei da.”
Home
Bible
Plans
Videos