1
1 Mose 11:6-7
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AWURADE kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den. Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.”
አወዳድር
{{ጥቅስ}} ያስሱ
2
1 Mose 11:4
Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.”
3
1 Mose 11:9
Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel, efisɛ, ɛhɔ na AWURADE totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na AWURADE hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa.
4
1 Mose 11:1
Bere bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa koro.
5
1 Mose 11:5
AWURADE sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no.
6
1 Mose 11:8
Ɛnam eyi so maa AWURADE hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere.
ቤት
መጽሐፍ ቅዱስ
እቅዶች
ቪዲዮዎች