Nanso na ne tadua kura no pintinn,
na ne basa mu yɛɛ den.
Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam,
ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu.
Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo,
na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo.
Ɔmfa ɔsorosoro nhyira,
ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ
ne yafunu mu nhyira nhyira wo.