1
Gyenesis 24:12
Twerɛ Kronkron
Na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma no nsi me yie nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔeɛ.
አወዳድር
{{ጥቅስ}} ያስሱ
2
Gyenesis 24:14
Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.
3
Gyenesis 24:67
Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntomadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ no ɛyerɛ, na ɔdɔ no. Na Isak werɛ kyekyeree, ne na wuo no akyi.
4
Gyenesis 24:60
Na wɔhyiraa Rebeka see no sɛ: Yɛn nuabaa, dane mpem du ahodoɔ mpem mpem, na w’asefoɔ mfa wɔn atamfoɔ apono nni.
5
Gyenesis 24:3-4
na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba. Na kɔ me kuro ne m’abusua mu kɔware yerɛ ma me ba Isak.
Home
Bible
Plans
Videos