Na Mose nyiniiɛ no, da bi ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ɔhunuu sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini. Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ɔhunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no kumm no, na ɔde no siee anwea mu.